2 Mose. 35. Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so. Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no. Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.” Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni: Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade: “Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae; ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne abirekyi nwi, odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ, ɔkanto dua; ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne; ɔhyew aduhuam; abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu. “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ: “Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso; Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ, ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo; akanea nnua ne nʼakanea ne ngo; aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa, nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano; kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu, adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano, Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama, asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.” Na Israelmma nyinaa fii Mose anim, na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae. Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade. Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae. Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae. Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama. Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo. Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae. Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree. Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade. Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.