Yosua. 12. Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho. Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase. Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no. Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako Yerusalemhene baako Hebronhene baako Yarmuthene baako Lakishene baako Eglonhene baako Geserhene baako Debirhene baako Gaderhene baako Hormahene baako Aradhene baako Libnahene baako Adulamhene baako Makedahene baako Bet-Elhene baako Tapuahene baako Heferhene baako Afekhene baako Lasaronhene baako Madonhene baako Hasorhene baako Simronhene baako Aksafhene baako Taanakhene baako Megidohene baako Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.