Nehemia. 7. Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.” Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni: Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni: Abusuafo dodow ni:   Paros asefo 2,172 Sefatia asefo 372 Arah asefo 652 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818 Elam asefo 1,254 Satu asefo 845 Sakai asefo 760 Binui asefo 648 Bebai asefo 628 Asgad asefo 2,322 Adonikam asefo 667 Bigwai asefo 2,067 Adin asefo 655 Ater (Hesekia) asefo 98 Hasum asefo 328 Besai asefo 324 Harif asefo 112 Gibeon asefo 95 Mmarima dodow a wofi   Betlehem ne Netofa 188 Anatot 128 Bet-Asmawet 42 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743 Rama ne Geba 621 Mikmas 122 Bet-El ne Ai 123 Nebo 52 Elam 1,254 Harim 320 Yeriko 345 Lod, Hadid ne Ono 721 Senaa 3,930 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 973 Imer asefo 1,052 Pashur asefo 1,247 Harim asefo 1,017 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74 Nnwontofo: Asaf asefo 148 Asɔredan Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo, Akub, Hatita ne Sobai asefo 138 Asɔredan mu asomfo: Siha, Hasufa, Tabaot asefo, Keros, Siaha, Padon asefo, Lebana, Hagaba, Salmai asefo, Hanan, Gidel, Gahar asefo, Reaia, Resin, Nekoda asefo, Gasam, Usa, Paseah asefo, Besai, Meunim, Nefusim asefo, Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo, Baslit, Mehida, Harsa asefo Barkos, Sisera, Tema asefo Nesia ne Hatifa asefo, Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni: Sotai, Soferet, Perida asefo, Yaala, Darkon, Gidel asefo, Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392 Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel: Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642 Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.) Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade. Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho. Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67). Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,