Nnwom. 10. Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa? Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi? Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no. Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi. Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade; ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee. Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw. Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim; mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase. Ɔtɛw bɛn nkuraa no; ofi ahintawee kum nea onnim hwee, ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no. Ɔte sɛ gyata a wahintaw; ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu. Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afi so na onhu.” Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo. Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi? Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se, “Ɔremfrɛ me akontaabu so?” Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ ayisaa boafo. Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw; frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa, nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no. Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so. Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ, na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu renhunahuna bio.