Nnwom. 12. Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so. Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu. Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene; nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?” “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.” Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason. Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ. Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide.