Nnwom. 70. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid adesrɛ dwom. Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Awurade bra ntɛm bɛboa me. Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi. Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!” Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.