Nnwom. 82. Asaf dwom. Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu. “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow. “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.