Nnwom. 110. Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.” Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; na wubedi hene wɔ wʼatamfo so. Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema. Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem sɔfo sɛ Melkisedek sɛso.” Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no. Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa. Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu enti obedi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.