Nnwom. 120. Ɔsoroforo dwom. Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so. Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma? Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso. Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu! Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo. Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.