Nnwom. 124. Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka, Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so, bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann; anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ, anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ. Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu. Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan. Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.