Nnwom. 125. Ɔsoroforo dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion, a ɛnwosow na etim hɔ daa no. Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia mprempren ne daa. Amumɔyɛfo ahempema renka asase a wɔde ama atreneefo no so, sɛ ɛba saa a, atreneefo nam wɔn so bɛyɛ bɔne. Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa. Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de, Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu. Asomdwoe nka Israel.