Nnwom. 130. Ɔsoroforo dwom. Awurade, mifi bun mu su frɛ wo; Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obetumi agyina ano? Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno nti wosuro wo. Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ. Metwɛn Awurade sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee. Israel, ma wʼani nna Awurade so, efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ na ogye ankasa wɔ ne mu. Ɔno ankasa begye Israel afi wɔn bɔne nyinaa mu.