Nnwom. 134. Ɔsoroforo dwom. Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa. Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, mfi Sion nhyira mo.