Nnwom. 148. Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. Owia ne ɔsram, monkamfo no, nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no. Monkamfo no, ɔsoro mu soro ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi. Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn. Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da. Monkamfo Awurade mfi asase so, mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa, anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛde, mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa, nwura mu mmoa ne anantwi, abɔde nketewa ne nnomaa a wotu, asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa, mmerante ne mmabaa, mmasiriwa ne mmofra nso. Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.