Yeremia. 47. Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn: Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam; ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so. Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so, nkurow no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteɛteɛ mu; wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei, na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyigyei no. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. Na da no aba sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no, nkae a wofi Kreta mpoano no. Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔ mum. Mo nkae a mowɔ tataw so, mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn? “ ‘Aa, Awurade afoa,’ ‘da bɛn na wobɛhome? San kɔhyɛ wo boha mu; gyae na da komm.’ Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm bere a Awurade ahyɛ no bere a wahyɛ no se ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”