Nnwom. 17. Dawid Mpaebɔ. Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu. Ma me bembu mfi wo; ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ. Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ. Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho. Menam wʼakwan so daa; me nan nhintiw ɛ. Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn na wubegye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ. Da wo dɔ nwonwaso no adi; wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa fi wɔn atamfo nsam no. Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwini no ase, fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no. Wopirim wɔn koma, na wɔkasa ahantan so. Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee. Sɔre, Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam. Awurade, fa wo nsa gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmabarima wɔ bebree, na wɔkora agyapade ma wɔn mma. Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.