Nnwom. 19. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam! Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma, Da biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi. Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm; wɔnnte wɔn nne. Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ. Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika. Epue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akosi ano; biribiara nsiw ne hyew ho kwan. Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyan ɔkra no. Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu, ɛma nea onnim nyansa hu nyansa. Awurade ahyɛde teɛ; ɛma koma mu anigye. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ebue ani. Awurade suro yɛ kronkron, ɛte hɔ daa. Awurade mmara nsɛm yɛ nokware na ne nyinaa teɛ. Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ ɛsen sikakɔkɔɔ kann; ɛyɛ dɛ sen ɛwo, ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu. Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se, sodi so akatua yɛ bebree. Hena na ohu nʼankasa mfomso? Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me. Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho. Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade me Botan ne me Gyefo.