Nnwom. 58. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana? Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro. Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso, a ɔnte ntafowayifo dwom, na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho. Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu! Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa. Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ. Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu. Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”