Nnwom. 93. Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. Wɔde wiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. Wʼahengua tim hɔ fi tete; na wowɔ hɔ fi mmeresanten. Awurade, po ama wɔn ho so, po ama wɔn nne so; po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so. Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam daa nyinaa.