Nnwom. 100. Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa. Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim. Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.