Nnwom. 117. Mo aman nyinaa, monkamfo Awurade; mo nnipa nyinaa, momma ne din so. Na nʼadɔe so wɔ yɛn so, na Awurade nokwaredi wɔ hɔ daa. Monkamfo Awurade.