Nnwom. 145. Ayeyi dwom. Dawid de. Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse; mɛkamfo wo din daa daa. Da biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse; obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ. Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo; wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm. Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho. Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ. Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa, na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom. Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso. Awurade ye ma obiara; na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa. Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefo bɛma wo so. Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no. Wʼahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde. Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa. Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn; otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn. Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so, nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.