Mmebusɛm. 7. Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu. Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no. Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so. Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani; Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho. Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu. Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene. Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no. Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu. (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa; nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.) Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se, “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so. Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo! Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim. Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo. Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa; Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ. Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.” Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae. Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka. Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so. Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu.