Yosua. 12. Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho. Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase. Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no. Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ, a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako Yerusalemhene baako Hebronhene baako Yarmuthene baako Lakishene baako Eglonhene baako Geserhene baako Debirhene baako Gederhene baako Hormahene baako Aradhene baako Libnahene baako Adulamhene baako Makedahene baako Bet-Elhene baako Tapuahene baako Heferhene baako Afekhene baako Lasaronhene baako Madonhene baako Hasorhene baako Simronhene baako Aksafhene baako Taanakhene baako Megidohene baako Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.