Nnwom. 1. Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea. Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie. Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu. Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.