Nnwom. 15. Dawid dwom. Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so? Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa, deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo, deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da.