Nnwom. 17. Dawid Mpaeɛbɔ. Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ. Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne. Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho. Menam wʼakwan so daa; me nan nnwatiriiɛ. Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn na wobɛgye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ. Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam. Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no. Wɔpirim wɔn akoma, na wɔkasa ahantan so. Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ. Sɔre, Ao Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam. Ao Awurade fa wo nsa gye me firi nnipa a wɔte sei nsam asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmammarima wɔ bebree, na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma. Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.