Nnwom. 54. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me. Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm. Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ. Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.