Nnwom. 70. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid adesrɛ dwom. Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me. Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti. Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!” Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.