Nnwom. 82. Asaf dwom. Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu. “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn? Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban. Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam. “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso. “Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.” Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.