Nnwom. 93. Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten. Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so. Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ. Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa.