Nnwom. 100. Ayɛyie Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.