Nnwom. 110. Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.” Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.