Nnwom. 111. Monkamfo Awurade! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa. Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa. Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. Ɛtim hɔ daa daa, nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.