Nnwom. 112. Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa. Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa. Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu. Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.