Nnwom. 114. Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi; Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim, ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.