Nnwom. 125. Ɔsoroforɔ dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa. Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia seesei ne daa. Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a wɔde ama teneneefoɔ so. Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ nam wɔn so bɛyɛ bɔne. Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa. Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. Asomdwoeɛ nka Israel.