Nnwom. 128. Ɔsorokorɔ dwom. Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so. Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia. Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no. Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ, na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.