Nnwom. 130. Ɔsorokorɔ dwom. Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo. Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu.