Nnwom. 134. Ɔsoroforɔ dwom. Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa. Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no, mfiri Sion nhyira mo.