Nnwom. 137. Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no. Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so? Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ. Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu. Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. Wɔteam sɛ, “Monnwiri, monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!” Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, nhyira nka deɛ ɔtua wo ka wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so. Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa de wɔn bobɔɔ abotan so.