Nnwom. 145. Ayɛyie dwom. Dawid deɛ. Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa. Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ. Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm. Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho. Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ. Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom. Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Awurade yɛ ma obiara; na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa. Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so. Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no. Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu. Wobue wo nsam na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ. Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa. Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn. Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.