Nnwom. 148. Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn. Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da. Monkamfo Awurade mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa, anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ, mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa, wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo, asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa, mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso. Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade.