Yesaia. 25. Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete. Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio. Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam. Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea, ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea, ahum ano ahintaeɛ ɔhyeɛ mu nwunu na atutupɛfoɔ ahome te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so. Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase; sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no, saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ. Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa. Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so; Ɔbɛmene owuo afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa aniso nisuo nyinaa. Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora, afiri nsase nyinaa so. Awurade na waka. Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ, “Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie; yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ; momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.” Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so; nanso ɔbɛtiatia Moab so te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena. Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so, sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho. Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu; ɔbɛbubu agu fam ama ayɛ mfuturo.