Yesaia. 56. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi. Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom, onipa a ɔkura mu denden: deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.” Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.” Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden, mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam. Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden; yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.” Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ: “Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.” Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa, mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa! Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ. Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie; wɔnnidi mmee da. Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ; wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan, obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ. “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã! Momma yɛnnom nsaden mmoro! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ, ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”